Mmebusɛm 11:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Nsisi nsenia yɛ Yehowa akyide,+ na abrammo a ewie pɛyɛ na n’ani gye ho. Mmebusɛm 16:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Susude ne nsenia a ɛyɛ pɛ yɛ Yehowa dea;+ kotoku mu abrammo nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.+ Mmebusɛm 20:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Nkaribo ahorow abien ne efa susude ahorow abien+—ne nyinaa yɛ Yehowa akyide.+ Mika 6:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 So nsenia bɔne ne bɔtɔwa a nkontompo nkaribo wom bɛma me ho atew anaa?+