Exodus 23:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 “Fa w’afuw mu nnepa a wubetwa no kan no bra Yehowa wo Nyankopɔn fie.+ “Nnoa abirekyi ba wɔ ne maame nufusu mu.+ Leviticus 23:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ munya du asase a mede ama mo no so na mutwa ɛso nnɔbae a, momfa mo nnɔbae a edi kan+ no atifi biako mmrɛ ɔsɔfo no. Numeri 18:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Ngo ne nsã foforo ne awi ne aba a edi kan+ mu nea eye a wɔde bɛbrɛ Yehowa nyinaa, mede ama wo.+ 2 Beresosɛm 31:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Bere a Israelfo no tee asɛm no ara pɛ,+ wɔde awi mu adikan,+ ne nsã foforo,+ ne ngo+ ne ɛwo+ ne afuw mu nnɔbae+ nyinaa ne ade biara so ntotoso du du bebree bae.+ Nehemia 10:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 na yɛhyɛe nso sɛ yɛde yɛn nsase+ so nnɔbae a edi kan ne nnua+ ahorow nyinaa aba a edi kan bɛba Yehowa fie afe afe; Mmebusɛm 3:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam,+ ne wo nnɔbae nyinaa mu nea edi kan.+
19 “Fa w’afuw mu nnepa a wubetwa no kan no bra Yehowa wo Nyankopɔn fie.+ “Nnoa abirekyi ba wɔ ne maame nufusu mu.+
10 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ munya du asase a mede ama mo no so na mutwa ɛso nnɔbae a, momfa mo nnɔbae a edi kan+ no atifi biako mmrɛ ɔsɔfo no.
5 Bere a Israelfo no tee asɛm no ara pɛ,+ wɔde awi mu adikan,+ ne nsã foforo,+ ne ngo+ ne ɛwo+ ne afuw mu nnɔbae+ nyinaa ne ade biara so ntotoso du du bebree bae.+
35 na yɛhyɛe nso sɛ yɛde yɛn nsase+ so nnɔbae a edi kan ne nnua+ ahorow nyinaa aba a edi kan bɛba Yehowa fie afe afe;