Deuteronomium 5:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Monhwɛ sɛ mobɛyɛ nea Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛ mo nyinaa.+ Mommman nnkɔ nifa anaa benkum.+ Yosua 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Nea ehia ara ne sɛ wobɛma wo bo ayɛ duru na wo ho ayɛ den, na woahwɛ adi mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so.+ Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum+ na woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+ Mmebusɛm 4:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Mman nifa anaa benkum.+ Yi wo nan fi bɔne mu.+ Yesaia 30:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na w’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: “Ɔkwan no ni.+ Momfa so.” Sɛ moman fa nifa oo, mofa benkum oo, momfa so.+
7 “Nea ehia ara ne sɛ wobɛma wo bo ayɛ duru na wo ho ayɛ den, na woahwɛ adi mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so.+ Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum+ na woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+
21 Na w’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: “Ɔkwan no ni.+ Momfa so.” Sɛ moman fa nifa oo, mofa benkum oo, momfa so.+