36 “‘Na wɔn a wɔbɛka no,+ mɛma ehu aka wɔn koma wɔ wɔn atamfo nsase so, na ahaban mpo yɛ kyekyerɛ a, wobeguan te sɛ nea nkrante di wɔn akyi, na wɔbɛhwehwe ase bere a obiara nni wɔn akyi.+
19 Na ka kyerɛ asase no sofo sɛ, ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ wɔn a wɔte Yerusalem wɔ Israel asase so ni:+ “Wɔde ahoyeraw bedi wɔn aduan na wɔde ehu anom wɔn nsu, na asase no bɛda mpan ma nea ɛwom nyinaa asa,+ wɔn a wɔte so nyinaa amumɔyɛ nti.+