Deuteronomium 8:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na mfe aduanan yi nyinaa wo ntade ansuw na wo nan ase antaataa.+ Nehemia 9:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Womaa wɔn aduan mfirihyia aduanan+ sare no so. Hwee anhia wɔn.+ Na wɔn ntade nso ansuw,+ na wɔn nan ase antaataa.+ Mateo 6:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Enti munnnwinnwen+ nnka sɛ, ‘Dɛn na yebedi?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛhyɛ?’
21 Womaa wɔn aduan mfirihyia aduanan+ sare no so. Hwee anhia wɔn.+ Na wɔn ntade nso ansuw,+ na wɔn nan ase antaataa.+