3 Enti obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn nni n’akyi.+ Ma ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsan nkosi Yehowa, Israel Nyankopɔn, fie a na ɛwɔ Yerusalem no.+ Ɔno ne nokware Nyankopɔn no.+
8 Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa a ɔreboaboa Israelfo a wɔahwete ano+ no aka ni: “Mɛboaboa nnipa foforo ano aka ne nkurɔfo a maboaboa wɔn ano dedaw no ho ama no.”+
37 ‘Hwɛ, mɛboaboa wɔn ano afi nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so m’abufuw ne m’abufuhyew ne m’anibere mu no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba ha ma wɔabɛtena ase dwoodwoo.+
13 Meyi wɔn+ afi aman mu na maboaboa wɔn ano afi nsase so de wɔn aba wɔn asase so.+ Na mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔw so, nsuten ho, asase no so tenabea nyinaa.+