9 Ahwɛyiye ara na monyɛ na moantew atua antia Yehowa.+ Munnsuro nnipa a wɔte asase no so+ no, na wɔyɛ koko ma yɛn. Wɔn nkataso afi wɔn so,+ na yɛn de Yehowa ka yɛn ho.+ Munnsuro wɔn.”+
34 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nsuro no,+ na mede ɔne ne nkurɔfo nyinaa ne n’asase bɛhyɛ wo nsa+ na woayɛ no sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a na ɔte Hesbon no.”+
3 Ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Israel muntie, ɛnnɛ morebɛn mo atamfo ne wɔn akɔko. Mommma mo koma nntu,+ munnsuro wɔn na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu.+