Yosua 1:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den,+ efisɛ wo na wode ɔman yi bɛkɔ ma wɔakɔfa+ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.+ Dwom 27:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Fa w’ani to Yehowa so;+ nya akokoduru na ma wo bo nyɛ duru.+Yehowa so na fa w’ani to.+ Dwom 118:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Yehowa wɔ m’afã; merensuro.+Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?+
6 Ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den,+ efisɛ wo na wode ɔman yi bɛkɔ ma wɔakɔfa+ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.+