Yesaia 1:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɔsoro tie,+ asase yɛ aso, na Yehowa aka sɛ: “Mayɛn mma ma wɔanyinyin,+ nanso wɔatew me so atua.+ Yesaia 30:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Wɔyɛ ɔman atuatewfo,+ mma a wonni nokware,+ mma a wɔmpɛ sɛ wotie Yehowa mmara.+