Numeri 27:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Sɛ wohwɛ wie a, wobesie wo akɔka wo nkurɔfo ho+ sɛnea wosiee wo nua Aaron no,+ Deuteronomium 3:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Foro kogyina Pisga+ na ma w’ani so hwɛ atɔe ne atifi ne anafo ne apuei, na Yordan de, worentwa.+ Deuteronomium 34:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Asase yi na mekaa ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob sɛ, ‘Mede bɛma w’asefo’+ no. Mama wode w’ani ahu, na wo nan de, ɛrensi hɔ.”+
4 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Asase yi na mekaa ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob sɛ, ‘Mede bɛma w’asefo’+ no. Mama wode w’ani ahu, na wo nan de, ɛrensi hɔ.”+