25 Afei wɔtenaa ase sɛ wɔredidi.+ Na bere a wɔmaa wɔn ani so no, wohui sɛ Ismaelfo+ akwantufo bi fi Gilead reba a wɔn yoma soso labdanum ne balsam aduhuam ne akyenkyennuru+ a wɔde rekɔ Egypt.
18 na mmom bepɔw no so bɛyɛ wo dea.+ Ɛyɛ kwae, enti bu fa, na ɛhɔ na w’asase no ano bɛpem. Kanaanfo no ho yɛ den na wɔwɔ nnade nteaseɛnam de, nanso pam wɔn fi hɔ.”+