21 Ɔsɔfo Eleasar anim na obegyina, na obegyina n’ananmu de Urim*+ abisa+ Yehowa hɔ ade. Sɛ ɔka sɛ wɔnkɔ a wɔbɛkɔ, na ɔka sɛ wɔmmra a wɔbɛba, ɔne Israelfo a wɔka ne ho ne asafo mũ no nyinaa.”
17 Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim+ no na mommrɛ mo ho ase+ mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so sɛ nnipa a wobebu ho akontaa;+ ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu, anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.+