Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 19:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Na wusiw bɛkataa Bepɔw Sinai nyinaa so+ te sɛ fononoo mu wusiw,+ efisɛ Yehowa nam ogya+ mu sian baa so, na bepɔw mũ no nyinaa wosowee denneennen.+

  • Exodus 20:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:+ “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Mo ankasa moahu sɛ ɔsoro na mifi ne mo kasae.+

  • Deuteronomium 4:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na Yehowa fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo.+ Motee kasa bi, nanso moanhu nipasu+ biara; ɛnne kɛkɛ na motee.+

  • Deuteronomium 4:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 “Enti monhwɛ mo kra so yiye,+ efisɛ da a Yehowa fi ogya mu ne mo kasae wɔ Horeb no, moanhu nipasu+ biara.

  • Deuteronomium 4:33
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 33 So nnipa bi ate Onyankopɔn nne wɔ ogya mu, sɛnea wotee no, a wɔda so te ase?+

  • Nehemia 9:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Wusian baa Bepɔw Sinai so+ ne wɔn kasa fii soro,+ na wode w’atemmusɛm a ɛteɛ+ ne nokware mmara+ ne akwankyerɛ pa+ ne ahyɛde+ maa wɔn.

  • Hebrifo 12:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Na moamma bepɔw a wotumi de nsa ka+ a wɔde ogya ato mu+ ne omununkum kusuu ne sum kabii ne mframa a ano yɛ den,+

  • Hebrifo 12:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 Monhwɛ yiye na moantwe mo ho amfi nea ɔrekasa no ho.+ Na sɛ wɔn a wɔtwee wɔn ho fii nea ɔmaa wɔn Onyankopɔn ahyɛde wɔ asase so ho no antumi anguan+ a, yɛn de, sɛ yɛdan yɛn akyi kyerɛ nea ofi soro kasa+ no a, ɛbɛyɛ den paa ama yɛn.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena