Leviticus 18:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Munni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so, na moyɛ saa a, monam so benya nkwa.+ Mene Yehowa.+ Deuteronomium 4:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Hwɛ, mama moahu ahyɛde+ ne atemmusɛm+ yi sɛnea Yehowa me Nyankopɔn hyɛɛ me no na moayɛ no saa ara wɔ asase a morekɔfa no so. Nehemia 9:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Wusian baa Bepɔw Sinai so+ ne wɔn kasa fii soro,+ na wode w’atemmusɛm a ɛteɛ+ ne nokware mmara+ ne akwankyerɛ pa+ ne ahyɛde+ maa wɔn. Dwom 119:164 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 164 Miyi wo ayɛ mpɛn ason da koro,+Wo trenee atemmusɛm nti.+ Hesekiel 20:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “‘“Na mede m’ahyɛde+ maa wɔn, na mema wohuu m’atemmusɛm+ na ama onipa a obedi so no anya nkwa.+
5 Hwɛ, mama moahu ahyɛde+ ne atemmusɛm+ yi sɛnea Yehowa me Nyankopɔn hyɛɛ me no na moayɛ no saa ara wɔ asase a morekɔfa no so.
13 Wusian baa Bepɔw Sinai so+ ne wɔn kasa fii soro,+ na wode w’atemmusɛm a ɛteɛ+ ne nokware mmara+ ne akwankyerɛ pa+ ne ahyɛde+ maa wɔn.