Deuteronomium 4:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Enti di n’ahyɛde+ ne ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi so na asi wo ne wo nkyirimma yiye+ daa, na wo nna aware wɔ asase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema wo+ no so.” Deuteronomium 12:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 “Hwɛ di ahyɛde a mede rema wo yi nyinaa so,+ na sɛ woyɛ nea ɛteɛ na ɛsɔ Yehowa wo Nyankopɔn ani a,+ ebesi wo ne wo nkyirimma yiye+ daa. Mmebusɛm 19:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Nea ɔkora mmara nsɛm no kora ne kra;+ nea obu n’ani gu n’akwan so no, wobekum no.+ Romafo 10:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na Mose kyerɛwee sɛ onipa a ɔyɛ adetrenee wɔ Mmara no mu no nam so benya nkwa.+
40 Enti di n’ahyɛde+ ne ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi so na asi wo ne wo nkyirimma yiye+ daa, na wo nna aware wɔ asase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema wo+ no so.”
28 “Hwɛ di ahyɛde a mede rema wo yi nyinaa so,+ na sɛ woyɛ nea ɛteɛ na ɛsɔ Yehowa wo Nyankopɔn ani a,+ ebesi wo ne wo nkyirimma yiye+ daa.