2 aman a Yehowa kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ Israel no, sɛ: “Monnkɔ wɔn mu,+ na mommma wɔn nso mmma mo mu; dan na wɔbɛdan mo koma akodi wɔn anyame akyi.”+ Wɔn na Solomon de ne ho kɔfam+ wɔn ho dɔɔ wɔn.
2 Wɔawareware wɔn mmabea, na wɔawareware bi nso ama wɔn mmabarima,+ na asefo kronkron+ no nso, wɔde wɔn ho akɔfra+ nsase no so nnipa mu, na wɔn mu mpanyimfo ne asoafo no na wodi mmarato yi mu kan.”+