15 W’agyanom nkutoo na Yehowa kaa wɔn bataa ne ho yii ne dɔ adi kyerɛɛ wɔn. Enti na wayi mo a moyɛ wɔn nkyirimma+ no afi aman nyinaa mu, sɛnea ɛte nnɛ yi.
11 na bere a wonnya nwoo wɔn, na wonnya nyɛɛ papa anaa bɔne biara no,+ nea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa ɔpaw no ho bɛkɔ so ayɛ nea emfi nnwuma mu, na mmom ebegyina Nea ɔfrɛ no so nti,+