Exodus 19:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Afei Mose de ɔman no fii nsraban no mu begyinaa bepɔw+ no ase sɛ wɔrebehyia nokware Nyankopɔn no. Deuteronomium 5:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 “Yehowa fi ogya ne omununkum kumɔnn ne sum mu de nne kɛse kaa nsɛm yi+ kyerɛɛ asafo no nyinaa wɔ bepɔw no so, na wamfa hwee anka ho. Akyiri yi ɔkyerɛw guu abopon abien so de maa me.+
22 “Yehowa fi ogya ne omununkum kumɔnn ne sum mu de nne kɛse kaa nsɛm yi+ kyerɛɛ asafo no nyinaa wɔ bepɔw no so, na wamfa hwee anka ho. Akyiri yi ɔkyerɛw guu abopon abien so de maa me.+