31 Wɔn adwuma+ ne sɛ wɔbɛhwɛ Adaka+ no ne pon+ no ne kaneadua+ no ne afɔremuka+ ne kronkronbea hɔ nneɛma+ a wɔde bɛsom ne ntwamutam+ no ne ɛho dwumadi nyinaa so.
15 “Sɛ Israelfo retu a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea+ no ne ɛho nneɛma nyinaa+ ho ansa na Kohat asefo no abɛsoa.+ Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka+ kronkronbea no na wɔanwu. Ahyiae ntamadan no mu nneɛma yi na Kohat asefo no bɛsoa.+