1 Ahene 9:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ+ ne wo nkotɔsrɛ a wode baa m’anim bɛsrɛɛ me no. Mayɛ ofie a woasi yi kronkron+ de me din ato so+ kosi daa; m’aniwa+ ne me koma bɛtena hɔ daa.+ Dwom 33:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Hwɛ! Yehowa ani wɔ wɔn a wosuro no so;+Ɛwɔ wɔn a wɔhwɛ n’adɔe kwan no so,+ Dwom 34:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Yehowa ani wɔ treneefo so,+Na wayɛ aso ama wɔn sufrɛ.+
3 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ+ ne wo nkotɔsrɛ a wode baa m’anim bɛsrɛɛ me no. Mayɛ ofie a woasi yi kronkron+ de me din ato so+ kosi daa; m’aniwa+ ne me koma bɛtena hɔ daa.+