26 Wudu hɔ a, fa sika no tɔ biribiara a wo kra kɔn dɔ:+ nantwi, oguan, abirekyi, bobesa anaa mmosã+ foforo biara. Biribiara a wo kra bebisa no, fa bra bedi wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim, na wo ne wo fiefo nyinaa ani nnye.+
66 Na da a ɛto so awotwe no, ogyaa ɔman no kwan,+ na wohyiraa ɔhene de anigye+ ne akomatɔyam+ kokɔɔ wɔn afie, adepa+ a Yehowa ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa nti.
10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkodi sradeduan na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi+ nkɔma wɔn a wonsiesiee hwee mmaa wɔn, efisɛ ɛnnɛ da yi yɛ da kronkron ma yɛn Awurade, enti mommma mo werɛ nnhow, na Yehowa mu anigye ne mo abannennen.”