2 Na kae ɔkwan a Yehowa wo Nyankopɔn ma wofaa so wɔ sare so mfe aduanan+ yi nyinaa sɛnea wobɛbrɛ wo ho ase.+ Ɔsɔɔ wo hwɛe+ na wahu nea ɛwɔ wo komam,+ sɛ wubedi ne mmara so anaa worenni so.
24 Na atoro Kristo+ ne atoro adiyifo+ bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne+ akɛse ne anwonwade sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no+ mpo.