Mmebusɛm 11:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so nya bebree;+ na obi nso kame ade, nanso hia ara na ehia no.+ Mmebusɛm 19:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa,+ na nea ɔde ama no, Obetua no ka.+ Luka 6:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforo bosea+ a mo ani nna so sɛ mubenya biribi akyiri yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ efisɛ ne yam ye+ ma bonniayɛfo ne abɔnefo.
35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforo bosea+ a mo ani nna so sɛ mubenya biribi akyiri yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ efisɛ ne yam ye+ ma bonniayɛfo ne abɔnefo.