Mmebusɛm 4:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Bɔ wo koma ho ban sen nea wode sie nyinaa,+ efisɛ emu na nkwa nsuti wɔ.+ Yeremia 17:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Me, Yehowa, me na mehwehwɛ koma mu+ na mesɔ asaabo+ hwɛ, sɛ mɛma obiara sɛnea n’akwan+ ne ne nneyɛe te.+ Mateo 15:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Sɛ nhwɛso no, koma no mu na nsusuwii bɔne,+ awudi, awaresɛe, aguamammɔ, korɔnbɔ, adansekurum, ne abususɛm fi ba.+
10 Me, Yehowa, me na mehwehwɛ koma mu+ na mesɔ asaabo+ hwɛ, sɛ mɛma obiara sɛnea n’akwan+ ne ne nneyɛe te.+
19 Sɛ nhwɛso no, koma no mu na nsusuwii bɔne,+ awudi, awaresɛe, aguamammɔ, korɔnbɔ, adansekurum, ne abususɛm fi ba.+