Mmebusɛm 3:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Mfa yiyeyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn,+ bere a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.+ Mateo 5:42 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 42 Nea obisa wo hɔ ade no, ma no, na nnan wo ho mfi nea ɔpɛ sɛ ogye wo hɔ bosea* no ho.+ Luka 12:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Montɔn+ nneɛma a mowɔ na monyɛ adɔe.+ Monyɛ sika nkotoku a ɛnsɛe mfa, ademude a ɛnsa da wɔ soro,+ faako a ɔkorɔmfo mmɛn ho na nwewee nsɛe no. Asomafo Nnwuma 2:45 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 45 na wofii ase tontɔn nea wɔwɔ+ ne wɔn agyapade kyekyɛɛ nea wonyae no maa obiara, sɛnea obiara ahiade te.+
33 Montɔn+ nneɛma a mowɔ na monyɛ adɔe.+ Monyɛ sika nkotoku a ɛnsɛe mfa, ademude a ɛnsa da wɔ soro,+ faako a ɔkorɔmfo mmɛn ho na nwewee nsɛe no.
45 na wofii ase tontɔn nea wɔwɔ+ ne wɔn agyapade kyekyɛɛ nea wonyae no maa obiara, sɛnea obiara ahiade te.+