Genesis 9:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔhonam ne ne kra,+ kyerɛ sɛ, ne mogya,+ nkutoo na munnni.+ Leviticus 7:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 “‘Monhwɛ sɛ baabiara a mobɛtena biara no, morenni mogya biara.+ Munnni anomaa anaa aboa foforo biara mogya. Leviticus 17:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “‘Israelni anaa ɔhɔho a wabɛsoɛ mo a obedi mogya biara+ no, mɛma m’ani asã ɔkra a odi mogya no,+ na metwa no afi ne man mu. 1 Samuel 14:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ Saul sɛ: “Hwɛ! Ɔman no reyɛ Yehowa bɔne; wɔredi nam no wɔn mogya mu.”+ Na ɔkae sɛ: “Moanni nokware. Nea edi kan, mumpirew ɔbo kɛse mmrɛ me.” Asomafo Nnwuma 15:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 na mmom wɔnkyerɛw nkɔma wɔn sɛ wɔntwe wɔn ho mfi nneɛma a abosom+ agu ho fĩ ne aguamammɔ+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu+ ne mogya+ ho.
26 “‘Monhwɛ sɛ baabiara a mobɛtena biara no, morenni mogya biara.+ Munnni anomaa anaa aboa foforo biara mogya.
10 “‘Israelni anaa ɔhɔho a wabɛsoɛ mo a obedi mogya biara+ no, mɛma m’ani asã ɔkra a odi mogya no,+ na metwa no afi ne man mu.
33 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ Saul sɛ: “Hwɛ! Ɔman no reyɛ Yehowa bɔne; wɔredi nam no wɔn mogya mu.”+ Na ɔkae sɛ: “Moanni nokware. Nea edi kan, mumpirew ɔbo kɛse mmrɛ me.”
20 na mmom wɔnkyerɛw nkɔma wɔn sɛ wɔntwe wɔn ho mfi nneɛma a abosom+ agu ho fĩ ne aguamammɔ+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu+ ne mogya+ ho.