Deuteronomium 5:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Monhwɛ sɛ mobɛyɛ nea Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛ mo nyinaa.+ Mommman nnkɔ nifa anaa benkum.+ 1 Samuel 13:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Woadi nkwaseasɛm.+ Woanni Yehowa, wo Nyankopɔn mmara nsɛm+ a ɔhyɛɛ wo+ no so; sɛ wudii so a, anka Yehowa bɛma w’ahenni atim Israel so afebɔɔ. 1 Ahene 15:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 efisɛ Dawid yɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so, na wannan amfi biribiara a ɔhyɛɛ no no ho ne nkwa nna nyinaa,+ gye Hitini Uria asɛm no+ nko mu.
13 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Woadi nkwaseasɛm.+ Woanni Yehowa, wo Nyankopɔn mmara nsɛm+ a ɔhyɛɛ wo+ no so; sɛ wudii so a, anka Yehowa bɛma w’ahenni atim Israel so afebɔɔ.
5 efisɛ Dawid yɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so, na wannan amfi biribiara a ɔhyɛɛ no no ho ne nkwa nna nyinaa,+ gye Hitini Uria asɛm no+ nko mu.