Numeri 35:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Sɛ obi kum obi a, onguan nkɔ hɔ na nea wawu no busuani*+ ankum onipakumfo no kosi sɛ obegyina asafo no anim ma wɔabu no atɛn.+ Numeri 35:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Sɛ ɛba saa a, asafo no nhwɛ mmu nea wakum nipa no ne owufo no busuani no ntam atɛn sɛnea ahyɛde yi te.+ Deuteronomium 21:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “Lewi mma asɔfo no mmra hɔ efisɛ wɔn na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom no+ na wɔmfa Yehowa din nhyira,+ na sɛ obi pira ne yɔnko na asɛm sɔre a, wɔn anom asɛm so na wobegyina abua asɛm no.+
12 Sɛ obi kum obi a, onguan nkɔ hɔ na nea wawu no busuani*+ ankum onipakumfo no kosi sɛ obegyina asafo no anim ma wɔabu no atɛn.+
24 Sɛ ɛba saa a, asafo no nhwɛ mmu nea wakum nipa no ne owufo no busuani no ntam atɛn sɛnea ahyɛde yi te.+
5 “Lewi mma asɔfo no mmra hɔ efisɛ wɔn na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom no+ na wɔmfa Yehowa din nhyira,+ na sɛ obi pira ne yɔnko na asɛm sɔre a, wɔn anom asɛm so na wobegyina abua asɛm no.+