14 Ɛnna mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ mubewu de, anka yɛde yɛn kra betwa so!+ Na sɛ moammɔ asɛm yi so na Yehowa de asase yi ma yɛn a, yɛn nso yɛbɛyɛ mo adɔe na yɛadi mo nokware.”+
17 Kurow no yɛ abusude a ɛsɛ sɛ mosɛe no;+ ɛno ne biribiara a ɛwom yɛ Yehowa dea. Aguaman Rahab+ ne obiara a ɔka ne ho wɔ ne fie nkutoo na wɔbɛka, efisɛ ɔde nnipa a yɛsomaa wɔn no siei.+
22 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ mmarima baanu a wɔkɔhwɛɛ asase no sɛ: “Monkɔ ɔbea aguaman no fie nkɔfa ɔne wɔn a wɔka ne ho nyinaa mmra, sɛnea mokaa no ntam no.”+