7 Ɛsan kɔfa Debir wɔ Akor bon+ no mu, na ɛdan kɔ atifi kodu Gilgal+ a ɛda Adumim koko anim wɔ subon no anafo. Na ɔhye no twam kɔfa En-Semes+ nsu no ho kɔpem En-Rogel.+
15 Efi saa bere no rekɔ no, mede ne bobe nturo bɛma no,+ na Akor bon+ no bɛdan anidaso pon. Ɛhɔ na obegye so sɛnea ɔyɛe ne mmabaaberem no,+ te sɛ bere a ofi Egypt asase so bae no.+