Hiob 38:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Woahyɛn sukyerɛmma korabea pɛn?+Anaa woahu amparuwbo korabea,+ Dwom 18:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yehowa fi ɔsoro boboom,+Ɔsorosoroni no maa ne nne so,+Na amparuwbo ne nsramma a ɛredɛw nso bae. Dwom 148:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ogya ne amparuwbo, sukyerɛmma ne wusiw kumɔnn,+Ahum a edi n’asɛm so,+ Yesaia 30:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Na Yehowa bɛma nnipa ate n’anuonyam nne+ kɛse no na wama wɔahu n’abasa a ɛresian no.+ Ɛbɛba wɔ abufuhyew+ ne ogyaframa+ ne osubran ne ahum+ ne amparuwbo mu.+
30 Na Yehowa bɛma nnipa ate n’anuonyam nne+ kɛse no na wama wɔahu n’abasa a ɛresian no.+ Ɛbɛba wɔ abufuhyew+ ne ogyaframa+ ne osubran ne ahum+ ne amparuwbo mu.+