16 Nanso ɔnhwɛ yiye na n’ani ammere apɔnkɔ pii+ na ɛnsɛ sɛ ɔma nkurɔfo no san kɔ Egypt kɔpɛ apɔnkɔ pii,+ efisɛ Yehowa aka akyerɛ mo sɛ, ‘Monnsan nnkɔfa ɔkwan yi so bio.’
4 Na Dawid ko gyee apɔnkɔsotefo apem ahanson ne mmarima mpem aduonu a wɔnam fam+ fii ne nsam. Ɛnna Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ+ no nyinaa nantin ntini,+ na ogyaw nteaseɛnam apɔnkɔ no mu ɔha.