10 Enti wɔde nokware Nyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron.+ Bere a nokware Nyankopɔn adaka no duu Ekron no, ɛhɔ ara na Ekronfo no teɛteɛɛm sɛ: “Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebekunkum yɛn ne yɛn man!”+
14 Na nkurow a Filistifo gye fii Israel nsam no, ɛsan bedii Israel nsam nkakrankakra, efi Ekron kosi Gat; ɛho nsase nso, Israel gye fii Filistifo nsam.
2 Na Ahasia fii ne dan a ɛwɔ Samaria no atifi+ tokuru mu bɛhwee fam,+ na ɛbɔɔ no yare. Enti ɔsomaa abɔfo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkobisa+ Ekron+ nyame Baal-Sebub+ mma me sɛ mefi ɔyare yi mu afi anaa.”+