11 Manase+ benyaa nkurow a edidi so yi ne ɛho nkuraa ne emu nnipa wɔ Isakar ne Aser nsase so: Bet-Sean+ ne Yibleam+ ne Dor+ ne En-Dor+ ne Taanak+ ne Megido,+ ne nkurow abiɛsa a egu nkoko so.
12 Ahilud ba Baana, onyaa Taanak+ ne Megido+ ne Bet-Sean+ nyinaa, baabi a ɛbɛn Saretan+ a ɛwɔ Yesreel+ ase no, efi Bet-Sean kosi Abel-Mehola+ kosi Yokmeam+ mpɔtam;