51 Eyinom ne nsase a ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu atitiriw bɔɔ ntonto wɔ Silo+ kyɛ maa wɔn.+ Wɔyɛɛ saa wɔ Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no ano.+ Afei wowiee asase no kyekyɛ.
9 Afei Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no ne Israelfo a aka no dii mpaapaemu, na wofii Silo a ɛwɔ Kanaan asase so no de wɔn ani kyerɛɛ Gilead+ asase so, agyapade a Yehowa nam Mose so de maa wɔn sɛ wɔntena so no.+