Numeri 33:55 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 55 “‘Na sɛ moampam wɔn a wɔtete asase no so+ nyinaa a, ɛnde wɔn a wɔbɛka hɔ no bɛyɛ sɛ duaa bi a ɛwowɔ mo ani ne nsɔe bi a ɛhyɛ mo honam mu, na wɔbɛhaw mo wɔ asase a mobɛtena so no so.+ Atemmufo 18:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɛnna wɔkae sɛ: “Monsɔre na yɛnkɔ wɔn so, efisɛ yɛakohu sɛ asase no ye.+ Mote hɔ reyɛ dɛn? Monkeka mo ho na monkɔfa asase no.+ Mmebusɛm 10:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ohia behia nea ɔde anihaw nsa yɛ adwuma,+ na nsiyɛfo nsa na ɛbɛma onipa adi yiye.+
55 “‘Na sɛ moampam wɔn a wɔtete asase no so+ nyinaa a, ɛnde wɔn a wɔbɛka hɔ no bɛyɛ sɛ duaa bi a ɛwowɔ mo ani ne nsɔe bi a ɛhyɛ mo honam mu, na wɔbɛhaw mo wɔ asase a mobɛtena so no so.+
9 Ɛnna wɔkae sɛ: “Monsɔre na yɛnkɔ wɔn so, efisɛ yɛakohu sɛ asase no ye.+ Mote hɔ reyɛ dɛn? Monkeka mo ho na monkɔfa asase no.+