2Afei Nun ba Yosua somaa mmarima baanu kodɛɛ fii Sitim,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔhwɛ sɛnea asase no ne Yeriko kurow no te.” Enti wosiim kɔe, na wokoduu ɔbea aguaman bi a ne din de Rahab+ fie, na wɔsoɛɛ hɔ.
16 nsu a efi atifi reba no nyinaa begyinaa faako. Ɛyɛɛ ɔtare kɛse+ wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow bi a ɛbɛn Saretan.+ Enti nsu a ɛsen kɔ Araba po, Nkyene Po,+ no mu no twae koraa ma ɔman no tumi twa kɔɔ Yeriko ntentenso.