7 Ɛnna mmarima baanum no sii mu koduu Lais,+ na wohui sɛ nnipa no te wɔn ho so sɛnea Sidonfo su te. Ná wɔte hɔ komm a hwee nhaw wɔn,+ na otirimɔdenfo biara nni hɔ a ɔhyɛ wɔn so wɔ asase no so. Bio nso wɔne Sidonfo+ ntam ware, na wɔne nnipa biara nni hwee yɛ.