3 Afe biara, ɔbarima yi fi ne kurom kɔ sɛ ɔrekɔkotow+ na wabɔ afɔre ama asafo Yehowa wɔ Silo.+ Ɛhɔ na na Eli mma baanu, Hofni ne Finehas,+ di Yehowa asɔfo.+
3 Bere a ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanyimfo no kae sɛ: “Dɛn nti na Yehowa ama yɛadi nkogu Filistifo anim+ nnɛ yi? Momma yɛnkɔfa Yehowa apam adaka+ no mfi Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmegye yɛn mfi yɛn atamfo nsam.”