Atemmufo 20:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Wuyi Benyaminfo fi mu a, Israelfo mmarima a wɔboaboaa wɔn ano si mmarima mpem ahanan a wɔtwe nkrante.+ Ná wɔn mu biara aben wɔ ɔko mu. 2 Samuel 24:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Afei Yoab de nnipa a wɔkan wɔn no dodow ho amanneɛbɔ+ brɛɛ ɔhene; Israel dodow si mmarima a wɔtwe nkrante mpem ahanwɔtwe, na Yuda dodow si mmarima mpem ahanum.+ 2 Ahene 3:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Bere a Moab hene hui sɛ ɔko no mu ayɛ den ama no no, ɛhɔ ara na ɔfaa mmarima ahanson a wokurakura nkrante sɛ ɔrekɔ Edom hene+ so, nanso wɔantumi.
17 Wuyi Benyaminfo fi mu a, Israelfo mmarima a wɔboaboaa wɔn ano si mmarima mpem ahanan a wɔtwe nkrante.+ Ná wɔn mu biara aben wɔ ɔko mu.
9 Afei Yoab de nnipa a wɔkan wɔn no dodow ho amanneɛbɔ+ brɛɛ ɔhene; Israel dodow si mmarima a wɔtwe nkrante mpem ahanwɔtwe, na Yuda dodow si mmarima mpem ahanum.+
26 Bere a Moab hene hui sɛ ɔko no mu ayɛ den ama no no, ɛhɔ ara na ɔfaa mmarima ahanson a wokurakura nkrante sɛ ɔrekɔ Edom hene+ so, nanso wɔantumi.