Atemmufo 1:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 1 Yosua wu+ akyi no, Israelfo bisaa+ Yehowa sɛ: “Yɛn mu hena na obedi kan ne Kanaanfo akɔko?” Atemmufo 20:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na Israelfo siim foro kɔɔ Betel kobisaa Onyankopɔn+ sɛ: “Yɛn mu hena na onni kan ne Benyaminfo nkɔko?”+ Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Yuda nni kan.”+ 1 Samuel 14:42 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 42 Ɛnna Saul kae sɛ: “Mommɔ me ne me ba Yonatan so ntonto.”+ Na ɛbɔɔ Yonatan. Nehemia 11:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔman no mu mmapɔmma+ no tenatenaa Yerusalem;+ na ɔman no nkae de, wɔbɔɔ ntonto+ de paw edu biara mu biako sɛ ɔnkɔtena Yerusalem, kurow kronkron+ no mu, na akron a aka no de, wɔtenatenaa nkurow a aka no mu. Mmebusɛm 16:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Onipa srɛ so na wɔtwe ntonto,+ nanso nea efi mu ba biara fi Yehowa.+ Asomafo Nnwuma 1:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Enti, wɔbɔɔ wɔn so ntonto,+ na ntonto no sii Matia so; na wɔkan no kaa asomafo dubiako+ no ho.
18 Na Israelfo siim foro kɔɔ Betel kobisaa Onyankopɔn+ sɛ: “Yɛn mu hena na onni kan ne Benyaminfo nkɔko?”+ Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Yuda nni kan.”+
11 Ɔman no mu mmapɔmma+ no tenatenaa Yerusalem;+ na ɔman no nkae de, wɔbɔɔ ntonto+ de paw edu biara mu biako sɛ ɔnkɔtena Yerusalem, kurow kronkron+ no mu, na akron a aka no de, wɔtenatenaa nkurow a aka no mu.