7 Yakob mma no tee asɛm no ara pɛ na wofii wuram bae; na asɛm no yɛɛ wɔn yaw na wɔn bo fuwii denneennen,+ efisɛ na wayɛ aniwude atia Israel sɛ ɔne Yakob babea ada,+ biribi a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ koraa.+
25 Nanso mmarima no antie no. Enti ɔbarima no de ne yefam+ no kɔmaa wɔn wɔ abɔnten hɔ na wɔne no dae,+ na wɔyɛɛ no basabasa+ anadwo mũ no nyinaa ma ade kyee. Na anim retetew no, wogyaa no ma ɔkɔe.