25 “Na sɛ motena asase no so kyɛ na munya mma ne mmanana, na moyɛ asobrakye+ kɔyɛ ohoni+ anaa biribi sɛso anaa abusude biara wɔ Yehowa mo Nyankopɔn ani so+ de hyɛ no abufuw a,
26 ɛnde ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefo+ sɛ wɔbɛsɛe mo ntɛm afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, efisɛ wobetwa mo afi so.+