10 Yehowa maa wɔn ani tanee wɔ Israelfo no anim,+ na wɔde nkrante kunkum dɔm kɛse wɔ Gibeon.+ Na wotiw wɔn faa Bet-Horon aforoe, na wokunkum wɔn beduu Aseka+ ne Makeda.+
6 Ná Yehowa ama Siriafo no ate+ ɔko nteaseɛnam, apɔnkɔ, ne asraafodɔm kɛse nka+ wɔ wɔn nsra no mu. Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwɛ! Israel hene na wakɔbɔ Hitifo ahene+ ne Egypt ahene+ paa ama wɔreba yɛn so no oo!”