5 Na momma mempɛ paanoo sin bi mma mo na momfa nnwudwo mo koma.+ Muwie a afei mubetumi akɔ, efisɛ ɛno nti na mobɛfaa mo akoa ha yi.” Ɛnna wɔkae sɛ: “Yɛate. Yɛ sɛnea woaka no.”
19 Na Gideon kɔpɛɛ abirekyi ba+ bi noae, na ɔde esiam efa biako yɛɛ paanoo a mmɔkaw nnim.+ Afei ɔde nam no guu kɛntɛn mu de ɛho nsu no nso guu kuku mu, na ɔde brɛɛ no wɔ dupɔn no ase.