Mmebusɛm 14:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Nea ne bo kyɛ fuw no nhumu dɔɔso,+ na nea ɔpere ne ho no ani gye nkwaseasɛm ho.+ Mmebusɛm 15:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa,+ na asɛm a ɛyɛ yaw hyɛ abufuw.+ Mmebusɛm 25:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ntoboase na wɔde dan ɔsahene ti, na odwo tɛkrɛma tumi bu dompe mu.+ Ɔsɛnkafo 10:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Sɛ ɔhene honhom sɔre tia wo a, mfi wo gyinabea,+ na odwo ma bɔne akɛse ano brɛ ase.+ Galatifo 5:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 odwo, ahosodi.+ Mmara biara ntia eyinom.+