48 Ɛnna Abimelek ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa kɔɔ Bepɔw Salmon+ so. Na Abimelek de akuma twaa dubaa bi de too ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: “Nea mayɛ a mo ani tua yi, monyɛ bi ntɛm, sɛnea mayɛ no!”+
49 Enti nnipa no nyinaa twitwaa nnubaa de dii Abimelek akyi. Na wɔde beguu aban ase dan no ho de ogya toom. Enti Sekem abankɛse no mu nnipa nyinaa wuwui, mmarima ne mmea bɛyɛ apem.+