4 Na ade kyee, da a edi hɔ a wɔsɔree anɔpatutuutu no, hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butuw fam Yehowa adaka no anim; ná Dagon ti ne n’abakɔn abien no atetew gugu kwan ano.+ Ne kuntunsin a ɛte sɛ apataa no nko na ɛkae.
2 Na Ahasia fii ne dan a ɛwɔ Samaria no atifi+ tokuru mu bɛhwee fam,+ na ɛbɔɔ no yare. Enti ɔsomaa abɔfo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkobisa+ Ekron+ nyame Baal-Sebub+ mma me sɛ mefi ɔyare yi mu afi anaa.”+