19 Na Yehowa honhom baa no so,+ na ɔkɔɔ Askelon+ kokunkum wɔn mmarima aduasa, na oyii wɔn ntade maa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no ase no.+ Na ɔde abufuw kɔɔ ne papa fie.
5 Ɛnna Siria hene kae sɛ: “Sim ntɛm! Bra, na mede krataa bɛkɔ akɔma Israel hene.” Enti ɔfaa+ dwetɛ dwetikɛse du ne sika+ dwetikɛse mpemnsia ne ntade+ du de siim kɔe.
22 Ɛnna obuae sɛ: “Asomdwoe mu. Me wura+ na wasoma me+ sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ, ‘Hwɛ! Mmerante baanu bi a wofi adiyifo no asefo mu fi Efraim mmepɔw so aba me nkyɛn seesei ara.+ Enti mesrɛ wo, ma me dwetɛ dwetikɛse biako ne ntade+ abien.’”