6 Ɛnna Yehowa honhom baa no so,+ na ɔwaee aboa no mu abien sɛnea obi wae ɔpapo kumaa mu, nanso na onkura biribiara wɔ ne nsam. Na wammɔ nea ɔyɛe no so ankyerɛ ne papa anaa ne maame.
19 Na Yehowa honhom baa no so,+ na ɔkɔɔ Askelon+ kokunkum wɔn mmarima aduasa, na oyii wɔn ntade maa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no ase no.+ Na ɔde abufuw kɔɔ ne papa fie.
14 Na bere a oduu Lehi no, Filistifo de osebɔ hyiaa no.+ Na Yehowa honhom+ baa ne so, na ntampehama a wɔde akyekyere n’abasa no yɛe sɛ asaawa a wɔde ogya afa ho,+ enti nhama no tetew fii ne nsa ho.